Psalms 91

Onyankopɔn, yɛn hwɛfo

1Obiara a wobɛkɔ Awurade nkyɛn sɛ wo guankɔbea, obiara a ɔbɛhyɛ Otumfoɔ no banbɔ ase no
2tumi ka kyerɛ no se, “Woyɛ me hwɛfo ne me guankɔbea.
Woyɛ me Nyankopɔn na mewɔ wo mu ahotoso.”
3Ɔbɛkora wo afi bɔne a ahintaw nyinaa ne ɔyarewu nyinaa ho.
4Ɔde ne ntaban bɛkɛta wo so; ne hwɛ mu, hwee renyɛ wo.
Ne nokware bɛbɔ wo ho ban.
5Ɛnsɛ sɛ wusuro anadwo mu amanehunu anaa awia mu ɔtaa
6anaa ɔyaredɔm a ɛba anadwo anaa amumɔyɛde a ɛsɛe ade awia ketee.
7Apem totɔ wo nkyɛn na ɔpedu totɔ wo nifa a, wo de, ɛrenka wo.
8Wʼani nko na wode bɛhwɛ na wahu nnebɔneyɛfo asotwe.
9Woayɛ Awurade wo hwɛfo, ɔsorosoroni no wo guankɔbea
10enti asiane biara mma wo so, na basabasayɛ biara remmɛn wʼatenae.
11Onyankopɔn bɛma nʼabɔfo abɛwɛn wo na baabiara a wobɛkɔ no, wɔabɔ wo ho ban.
12Wobesuso wo mu wɔ soro sɛnea wo nan renhintiw, mpira.
13Wubetiatia agyata ne awɔ, agyata a wɔn ho yɛ hu ne awɔ a wɔn ano bɔre yɛ den so.
14Onyankopɔn se, “Megye wɔn a wɔdɔ me no nkwa, na mabɔ wɔn a wonim me sɛ Awurade no ho ban.
15Sɛ wɔfrɛ me a, megye wɔn so; sɛ ɔhaw to wɔn a, mɛka wɔn ho.
Megye wɔn na mahyɛ wɔn anuonyam.
16Mɛma wɔn nkwa nna aware.
Megye wɔn nkwa.”
Copyright information for TwiNAK